Loading...

Download
  • Genre:Gospel
  • Year of Release:2002

Lyrics

Nyame Ben Ni - Esther Smith

...

Jesus, Wo din no yɛ kɛse

Wo nko ara na mfie apem yɛ Wo da koro o

Mede me ho nyinaa bɛma Wo

Ɔhen Jesus ei, Wo din no yɛ kɛse

Wo nko ara na mfie apem yɛ Wo da koro o

Mede me ho nyinaa bɛma Wo

Onyame bɛn koraa na ɔte sɛ Wo?

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Onyame bɛn ni o? Wo tumi so o, ei

W′adɔeɛ so o, Wonim nea ɛyɛ ma Wo mma nyinara

Wonim nea ɛyɛ ma me o, Wonim nea ɛyɛ ma obi biara o

Mɛtena yie atwɛn Wo o

Wo nko ara na Wokasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Mfie apem yɛ Wo da koro, da koro nso yɛ Wo mfie apem o

Mede me ho nyinara bɛma Wo

Wo nko ara na Wokasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Mfie apem yɛ Wo da koro, da koro nso yɛ Wo mfie apem o

Mede me ho nyinara bɛma Wo

Onyame bɛn ni? Onyame bɛn ni?

Da biara Ɔyɛ ade foforo o

N'adɔeɛ so o, ma ne mma dodo

Ne tumi so o

Onyame bɛn ni? Onyame bɛn ni?

Da biara Ɔyɛ ade foforo o

Da biara N′adɔeɛ so o, ma ne mma dodo

N'animuonyam so o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara wai

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o, tena hɔ twɛn No o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma me nso o, tena hɔ twɛn No o

Ɔkasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Bible se, mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Fa wo ho bɔ no yie o

Ɔkasa ma po asorɔkye, Ɔkasa ma po asorɔkye

Mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Fa wo ho bɔ no na ensi wo yie o

Ɔkasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Mfie apem yɛ Nyame da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Fa wo ho bɔ no na nneɛma nyɛ dinn

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma me o, tena hɔ twɛn No o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara wai

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma me nso o, tena hɔ twɛn No o

Ɔkasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Bible se, mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Wayɛ bi ama mahu' o

Ɔkasa ma po asorɔkye, Ɔkasa ma po asorɔkye

Mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Wayɛ bi ama mahu′ o

Ɔkasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Ɛmma w′aba mu mmu o

Ɔkasa ma po asorɔkye, Ɔkasa ma po asorɔkye

Mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Ɛmma w'aba mu mmu o

Mese, Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara wai

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o, ei

Ɔnim nea ɛyɛ ma me o, tena hɔ twɛn No o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma me nso o, tena hɔ twɛn No o

Na menim sɛ maka akyiri

Ɛmmerɛ a mehunuu No no

Ɔde da koro asesa m′abrabɔ o

Onyame bɛn koraa ni, na ne ho yɛ hu, yɛ nwanwa sei?

Fa wo werɛ hyɛ Ne mu na Ɔbɛsesa w'abrabɔ ama wo o, oh

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa

Hm, eh, hey, tena hɔ twɛn No o

Onyame bɛn ni? Onyame bɛn ni?

Da biara Ɔyɛ ade foforo o

N′adɔeɛ so o, ma ne mma dodo

N'animuonyam so o, hey

Onyame bɛn ni? Onyame bɛn ni?

Da biara Ɔyɛ ade foforo o

Da biara N′adɔeɛ so o, ma ne mma dodo

N'animuonyam so o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o, ei

Ɔnim nea ɛyɛ ma me o, tena hɔ twɛn No o

Ɔnim nea ɛyɛ ma Ne mma nyinaa ara

Ɔnim nea ɛyɛ ma wo o

Ɔnim nea ɛyɛ ma me nso o, tena hɔ twɛn No o

Ɔkasa ma po asorɔkye yɛ dinn

Bible se, mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Wayɛ bi ama mahu' o

Ɔkasa ma po asorɔkye, Ɔkasa ma po asorɔkye

Mfie apem yɛ No da koro o

Da koro nso yɛ No mfie apem o

Fa wo ho bɔ no yie o

Similar Songs

+

      -   or   -

      -   or   -

      NG +234

          Please Select A Playlist

          Add New Playlist

          Share on

          Embed: Love & Light EP

          Custom Size :

          • Default
          • Desktop(300*600)
          • Mobile(300*250)

          Type :

          • HTML/HTML5 (WordPress Supported)
          Get Boomplay Premium
          for
          Payment Method
          Pay With
            Review and pay
            Order Date
            Payment Method
            Due Today
            Flutterwave
              Subscription Successful

              Congratulations! You have successfully activated Boomplay 1 Month Premium.

              Now you have access to all the features of Boomplay App.
              Payment Failed

              Please check your balance and then try again.

              You'll lose your subscription if we don't have a working payment method for your account, so please check your payment details.
              Need help? Contact Boomplay Subscription Support.
              Payment Processing...
              10 s

              Payment is being processed by . Please wait while the order is being comfirmed.

              Payment Processing
              Your order is processing, and it may take up to a few days for the service provider to handle your payment. Please kindly stay tuned and check your order status in ‘User Center’.
              About Order Status