Hwan Nkyɛn Na Yɛbɛkɔ? ft. Olivia Owusu Mensah Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2023
Lyrics
Hwan nkyɛn na yɛbɛkɔo
Wo na Wo wɔ daa nkwa nsɛm
Wo na yɛagye wadie
Wo ne Nyankopɔn Kronkronni no
Hwan nkyɛn na yɛbɛkɔo
Wo na Wo yɛ 'somdwoe Hen'
Wo na Wo bɔɔ wiase yi
Wo ne asafo Yehowa
W'anum asɛm no ma nkwa
Ɛyɛ nokware deɛ ɔgye W'asɛm no die no nya fawhodie
Deɛ ɔgye die no nya ahotɔ
Deɛ ɔgye die no nya 'yaresa
Deɛ ɔgye die no san nya nkwagye
Yɛagye W'asɛm adi yɛapo, wiase'm 'bra hun' nyinaa
Abɛfa asɛnnua no
Wo nkyɛn ara na yɛbɛtena
So biribi wɔ hɔ a ebetumi atete yɛn ne Wo dɔm'
Ɔhaw anaa, ɛyɛ owu' anaa
So biribi wɔ hɔ a ebetumi ama yɛapo W'adom kɛseɛ a Wode dom yɛn
Biribiara nni hɔ
W'anum asɛm no ma nkwa
Ɛyɛ nokware deɛ ɔgye W'asɛm no die no nya fawhodie
Deɛ ɔgye die no nya ahotɔ
Deɛ ɔgye die no nya 'yaresa
Deɛ ɔgye die no san nya nkwagye
Yɛagye W'asɛm adi, yɛapo wiase'm 'bra hun' nyinaa
Abɛfa asɛnnua no
Wo nkyɛn ara na yɛbɛtena