Mekyidee Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2019
Lyrics
Mekyidee - Alex Acheampong
...
Nea mekoma hwehwɛ ne nti mewura ee yɛ no saa ma me oo2x. ma mennane m'akyi mma Wiase ne mo nneɛma2x. Agya nea mekoma hwehwɛ ne nti mewura ee yɛ no saa ma me oo. ma menfa animia mempere nkɔ m'anim na menkɔwu ntɔ w'asennua n'ase 3x
m'akyi deɛ, adepa biaa nni hɔ
m'akyi deɛ, adepa biaa nni hɔ
m'akyi deɛ, adepa biaa nni hɔ
m'akyi deɛ, adepa biaa nni hɔ
m'akyi, m'akyi deɛ adepa biaa nni hɔ
W'abue m'ani ma m'ahu hann no, Mede animia mɛpere akɔ m'anim me Nyame no'aa bɛhyɛ m'ahoɔden oo, Mede animia mɛpere akɔ m'anim
m'akyinkyin abrɛ afei deɛ m'aba, m'abɛsɔ ahwɛ na m'ahunu sɛ Yesu mu ɔdɛ Yesu mu ɔdɛ oo Ne dɔ yi deɛ ɛyɛ ɔdɔ kann2x
Hwɛ n'anika ne ne fɛ a ɛyɛ sɛ agyedifoɔ abomu atena faako
hwɛ n'anika ne ne fɛ a ɛyɛ Yesu mu ɔdɛ oo
Sɛ me gyina nnwankuo n'akyi a Agya dom me de m'aba nnwankuo no mu2x
mesiane m'akyi na a m'akɔ pɛ deɛ, a bɛn adepa bi wɔ m'akyi a mo deɛ monka ( CHORUS)
wɔn a wɔhunu me yɛ adansifoɔ mame